Colossians 1

Nkyia

1Saa krataa yi fi Paulo a ɛnam Onyankopɔn pɛ so nti, ɔyɛ Kristo somafo no ne yɛn nua Timoteo nkyɛn.

2De kɔma ahotefo a wɔwɔ Kolose a wɔyɛ Kristo mu gyidifo no: Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn nka mo.

Aseda ne mpaebɔ

3Bere biara a yɛbɔ mpae ma mo no, yɛda Onyankopɔn a ɔyɛ Awurade Yesu Kristo Agya no ase. 4Efisɛ, yɛate mo gyidi a mowɔ wɔ Kristo Yesu mu ne dɔ a modɔ ahotefo no. 5Da a edi kan a motee Asɛmpa no, munyaa mu anidaso a ɛwɔ hɔ ma mo. Enti mo gyidi ne mo dɔ a mowɔ no gyina mo anidaso a mowɔ a wɔakora no wɔ ɔsoro ama mo no so. 6Efi da a edi kan a motee Onyankopɔn adom na muhuu sɛnea ɛte no, Asɛmpa no de nhyira abrɛ wiase mmaa nyinaa, na trɛw ara na ɛretrɛw sɛnea muhu no wɔ mo mu no.

7Ɛnam Epafra a ɔyɛ yɛn nua somfo a ɔde gyidi yɛ Kristo adwuma ma yɛn no so na muhuu eyi. 8Ɔkaa ɔdɔ a Honhom no de ama mo no kyerɛɛ yɛn.

9Esiane saa nti, efi bere a yɛtee mo nka no, yɛbɔ mpae ma mo daa. Yebisa Onyankopɔn sɛ omfi ne pɛ mu mma mo nyansa ne ntease a ne Honhom de ma no. 10Ɛba saa a na mubetumi atena ase sɛnea Awurade hwehwɛ na bere biara nso, mobɛyɛ nea ɛsɔ nʼani. Dwuma biara a mubedi no, ɛbɛsow aba pa na mubenyin wɔ Onyankopɔn ho nimdeɛ mu.

11Yɛrebɔ mpae nso sɛ ne tumi ne nʼahoɔden bɛhyɛ mo ma sɛnea ɛbɛyɛ a ɔkwan biara so, mode Awurade mu ahosɛpɛw ne boasetɔ begyina biribiara ano. 12Momfa ahosɛpɛw nna Agya no a ɛnam ne so nti, moanya nea Onyankopɔn akora so ama nʼahotefo a wɔwɔ ne hann no mu no bi no ase. 13Ogyee yɛn fii sum tumi ase de yɛn baa ne dɔ Ba no ahenni mu dwoodwoo, 14na ne nti na wɔama yɛade yɛn ho na wɔde yɛn bɔne akyɛ yɛn.

15Kristo yɛ Onyankopɔn a wonhu no no sɛso. Ɔno ne Abakan a odi abɔde nyinaa so. 16Efisɛ, ɛnam ne so na Onyankopɔn bɔɔ biribiara a ɛwɔ soro ne asase so, nea wohu ne nea wonhu, honhom mu atumfo, awuranom ne ahemfo. Onyankopɔn nam ne so na ɔbɔɔ wiase nyinaa na ɔbɔ maa no nso. 17Na ɔwɔ hɔ ansa na wɔrebɔ biribiara na ne mu na biribiara nya nʼafa pɛpɛɛpɛ. 18Asafo no yɛ ne nipadua; na ɔno na ɔyɛ asafo no ti. Ɔno na nipadua no nkwa fi no. Ɔno ne Abakan a wonyanee no fii awufo mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɔno nko ara bedi ade nyinaa mu kan. 19Efi Onyankopɔn no ankasa pɛ mu na Ɔba no anya Onyankopɔn su nyinaa wɔ ne mu. 20Ɛnam ne Ba no so na Onyankopɔn fi ne pɛ mu de wiase nyinaa san bɛhyɛɛ ɔno ankasa ase. Onyankopɔn nam ne Ba no wu a owui asɛnnua so no de asomdwoe bae, enti ɔde nneɛma a ɛwɔ asase so ne ɔsoro nyinaa ahyɛ nʼase.

21Bere bi a atwam no, esiane sɛ na moyɛ bɔne na modwene bɔne ho nti, na mo ne Onyankopɔn ntam kwan ware a na moyɛ nʼatamfo nso. 22Nanso ɛnam ne Ba no wu so nti, Onyankopɔn afa mo nnamfo sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛyɛ kronn a bɔne biara nni mo ho wɔ nʼanim. 23Ɛsɛ sɛ mokɔ so ma mo gyidi mu yɛ den a momma ho kwan mma mo anidaso a munyaa no da a edi kan a motee Asɛmpa no nhinhim. Saa Asɛmpa a wɔka kyerɛ nnipa nyinaa yi nti, na me, Paulo, mebɛyɛɛ ɔsomfo no.

Paulo brɛ asafo no ho

24Ɛyɛ me anigye sɛ merebrɛ mo ho. Menam me honam mu amane a merehu so boa nea aka wɔ Kristo amanehunu a ohui wɔ ne honam mu a egyina hɔ ma asafo no no.

25Onyankopɔn a mo yiye di nti, ɔde saa dwuma yi hyɛɛ me nsa no ayɛ me asafo no somfo. Dwumadi no yɛ nʼasɛm no ka, 26a ɛyɛ ahintasɛm a mfe bebree a atwam no, ɔde hintaw adasamma nanso afei de, wada no adi akyerɛ nʼahotefo. 27Onyankopɔn nhyehyɛe ne sɛ, ɔbɛda nʼahintasɛm a anuonyam wɔ mu no adi akyerɛ nʼahotefo. Ahintasɛm no ne sɛ: Kristo te mo mu; nʼasekyerɛ ne sɛ Onyankopɔn anuonyam no ka mo.

28Ɛno nti, yɛka Kristo ho asɛm kyerɛ nnipa nyinaa. Yɛnam adwene pa so bɔ obiara kɔkɔ kyerɛkyerɛ no sɛnea ɛbɛyɛ a obiara a yɛde no bɛhyɛ Onyankopɔn nsa no, na ɔyɛ onipa a nʼadwene mu abue na ɔne Kristo nso ayɛ baako. 29Ansa na metumi adi saa dwuma no, na efi tumi a Kristo nam nʼahoɔden so de ama me no.

Copyright information for TwiNAK